Psalms 26

Ɔtreneeni mpaebɔ

1Bu me bem,
O Awurade, efisɛ, meyɛ ade trenee na mede me ho to wo so koraa.
2Sɔ me hwɛ,
Awurade, na hu mʼadwene.
3Wo dɔ a wodɔ me daa no yɛ mʼakwankyerɛ; wo nokware no kyerɛ me kwan daa.
4Me ne ahuhufo mmɔ.
Me ne nyaatwomfo nni hwee yɛ.
5Me ne nnebɔneyɛfo mmɔ, na mekwae mifi wɔn ho.
6 Awurade, mehohoro me nsa ma wuhu sɛ, menyɛ bɔne na meba mu betwa wʼafɔremuka ho hyia, som wo.
7Meto aseda nnwom na mepae mu ka wʼanwonwade.
8Mʼani gye ofi a wote mu no ho,
O Awurade, baabi a wʼanuonyam te hɔ.
9Nsɛe me mfra nnebɔneyɛfo no.
Gye me fi awudifo nsam;
10nnipa a daa wɔyɛ bɔne na daa wɔasiesie wɔn ho ama adanmudegye no.
11Me de, meyɛ ade trenee; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
12Amane mu, me ho nka; mekamfo Awurade wɔ ne manfo mu.
Copyright information for TwiNAK